Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 92 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn trenee nniso ho ayeyi
Dwom a wɔto no homeda

1 Eye sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,

2 sɛ wɔka w’adɔe anɔpa ne wo nokwaredi anadwo,

3 sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu.

4 Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.

5 AWURADE, wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii.

6 Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu.

7 Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.

8 Na wone nea ɔsorotena wɔ no daa, AWURADE.

9 Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa, Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE, W’atamfo no de wɔbɛyera

10 Na woma m’abɛn so sɛ okoo de, wode ngo foforo gu me so.

11 Na m’aniwa hu nea mepɛ m’atɛwfo so, na m’aso te nea ɛyɛ me dɛ, abɔnefo a wɔsɔre hyɛ me no ho.

12 Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.

13 Wɔn a wɔtɛw wɔn AWURADE fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so.

14 Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara,

15 na wɔaka akyerɛ sɛ AWURADE teɛ, ɔne me botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan