Nnwom 90 - KYERƐW KRONKRONNHOMA A ƐTO SO ANAN ( Nnwom 90—106 ) Daa Nyankopɔn ne yɛn guankɔbea Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ 1 Awurade, wo na woayɛ yɛn guankɔbea, awo ntoatoaso nyinaa mu. 2 Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn. 3 Woma ɔdesani dan mfutuma, na wuse: Onipa mma, monsan mmra mo dɔte mu. 4 Na mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu ne anadwo mu dasu. 5 Woma wɔsen kɔ sɛ sunsuansu, wɔte sɛ adaeso, anɔpa wɔfefɛw sɛ wura, 6 anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm na ɛfefɛw, anwummere wotwa, na atwintwam. 7 Na yɛresa w’abufuw mu, na yɛahyew w’abufuhyew no ano. 8 Wode yɛn amumɔyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu. 9 Na yɛn nna nyinaa twam kɔ w’abufuw mu, yɛhwere yɛn mfe sɛ asutu bi. 10 Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔsɔn, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so, na yetu kɔ. 11 Hena na ohu w’abufuw ano den a ɛyɛ, ne w’anibere, sɛ wo ho suro te? 12 Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma. 13 AWURADE, san w’akyi, ɛno, da bɛn ara? Na ma wo nkoa ade nyɛ wo mmɔbɔ. 14 Fa w’adɔe ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurusi, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu. 15 Ma yɛn ho nsan yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu ne mfe a yehuu mu bɔne no. 16 Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’anuonyam nna adi wɔn mma so. 17 Na Awurade yɛn Nyankopɔn animtew mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma ɛnyɛ yiye mma yɛn, yiw, yɛn nsa ano adwuma na ma ɛnyɛ yiye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana