Nnwom 89 - KYERƐW KRONKRONMpae a wɔbɔ ma Dawid fi ( 2 Samuel 7.8-16 ) Esrani Etan nnwenho dwom 1 Mɛto AWURADE adɔe ho dwom daa, mede m’ano mɛka wo nokwaredi makyerɛ awo ntoatoaso a edidi so; 2 na mɛka sɛ: Adɔe besi so daa, ɔsoro hɔ na wode wo nokwaredi atim. 3 Me ne nea mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid: 4 Mɛma w’asefo atim akosi daa, na mama w’ahengua asi so akodu awo ntoatoaso a edidi so so. Sela 5 Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwonwade ayɛ, ne wo nokware nso wɔ akronkronfo asafo mu. 6 Na hena na ɔwɔ wim a wɔde no bɛto AWURADE ho, hena na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu? 7 Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, kronkronfo guabɔ kɛse no mu, na wosuro no sen wɔn a wɔatwa ne ho asi nyinaa. 8 AWURADE, asafo Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Otumfo AWURADE, wo nokwaredi atwa wo ho ahyia. 9 Wo na wudi po mpatabiribiriyɛ so, sɛ n’asorɔkye sɔre a, wo na wudwudwo ano. 10 Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfo, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam. 11 Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo; wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ ase. 12 Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi. 13 Tumi basa wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so. 14 Trenee ne atemmu ne w’ahengua nnyinaso, adɔe ne nokware gyina w’anim. 15 Nhyira ne ɔman a wonim osebɔ, na wɔnantew wo, AWURADE, anim hann mu. 16 Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn daa nyinaa, na wo trenee mu na wɔama wɔn so. 17 Na wɔn ahoɔden ahyehyɛde ne wo, na wo dom mu na wɔama yɛn abɛn so. 18 Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no. 19 Da bi wokasae anisoadehu mu kyerɛɛ w’ahotefo sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔapaw no fi ɔman no mu so. 20 Mahu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no. 21 Ɔno na me nsa bɛma watim, na me basa nso ahyɛ no den. 22 Ɔtamfo bi rensisi no, na obusuyɛfo bi renhyɛ no so. 23 Na mebubu n’anim ahohiafo, na mabobɔ wɔn a wɔtan no. 24 Na me nokwaredi ne m’adɔe ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn so. 25 Na mede ne nsa mesi po mu, na mede ne nifa masi nsubɔnten so. 26 Ɔno de, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagye botan! 27 Na me nso mede no mɛyɛ m’abakan, asase so ahene mu pumpuni. 28 Mɛkora m’adɔe so mama no daa, na m’apam atim hɔ ama no. 29 Mɛma n’asefo atena hɔ daa, ne n’ahengua sɛ ɔsoro nna. 30 Sɛ ne mma gyaw me mmara, na wɔnnantew m’atemmude mu, 31 sɛ wogu m’ahyɛde ho fi na wonni me mmara nsɛm so a, 32 ɛno de mede abaa mɛba mabɛhwɛ wɔn mmarato, na mede ɔhaw ahorow mabɛhwɛ wɔn amumɔyɛ. 33 Na m’adɔe de, merenyi mimfi wɔn ho, na merenyɛ me nokwaredi no ho nsakyinsayam. 34 Merengu m’apam ho fi, na merensakra nea afi m’anom no. 35 Maka me kronkronyɛ ho ntam biako, merenni Dawid huammɔ. 36 N’asefo bɛtena hɔ daa, na n’agua ayɛ m’anim sɛ owia. 37 Ebetim hɔ sɛ ɔsram daa, na ɔsoro dansefo no yɛ ɔnokwafo. Sela 38 Na wo ankasa de, woatow akyene na ayɛ wo nwini, na woafa nea woasra no no abufuw. 39 Woapo w’akoa apam, woahura n’abotiri ho de ato fam. 40 Woadwiriw ne ban nyinaa agu, woama n’aban akɛse ayɛ agowagow. 41 Wɔn a wotwam ɔkwan no so nyinaa fow no, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho. 42 Woama n’ahohiafo nifa so, woama n’atamfo nyinaa ani agye. 43 Woadan n’afoa ano nso, na woamma wannyina ɔsa mu. 44 Woama n’anuonyam apa, na woatow n’agua akyene fam. 45 Woatwa ne mmerantebere nna so, wode aniwu akata no so. Sela 46 Enkosi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho behintaw daa yi ama w’abufuw adɛw sɛ ogya? 47 Kae me nna tiaa a ɛyɛ! Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa? 48 Ɔdesani bɛn na ɔte ase a ɔrenhu wu, na obeyi ne kra afi asaman nsam? Sela 49 Ɛhe na wo kan adɔe no wɔ, Awurade, nea wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokware mu no? 50 Awurade, kae wo nkoa ahohora a efi aman dodow no nyinaa mu a ɛda me koko so no. 51 AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora, wɔbɔ nea woasra no no anammɔn ahohora! 52 Nhyira nka AWURADE daa. Amen ne Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana