Nnwom 88 - KYERƐW KRONKRONSɔhwɛ kɛse mu mpaebɔ Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Mahalat sanku so, Leanot nne so. Esrani Heman nnwenho dwom 1 Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn, misu mefrɛ wo awia ne anadwo, 2 ma me mpaebɔ nnu w’anim, brɛ w’aso ase ma me nteɛm. 3 Na ɔhaw ayɛ me kra ma, na me nkwa rebɛn asaman. 4 Wɔkan me fra wɔn a wɔkɔ amoa mu mu, mayɛ sɛ ɔbarima a onni ɔboa bi. 5 Wɔatow me akyene awufo mu, sɛ atɔfo a wɔde wɔn agu ɔda mu a wonkae wɔn bio, na wɔatwa wɔn afi wo nsam. 6 Wode me ato amoa donkudonku mu, esum mu, ebun ase tɔnn. 7 W’abufuhyew hyɛ me so, na woma w’asorɔkye nyinaa gu me so. Sela 8 Woayi m’amannifo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyide, wɔato me mu a meremfi adi. 9 Amane ama m’aniwa akisa, mefrɛ wo, AWURADE, daa adesae, metrɛw me nsam mekyerɛ wo. 10 So wobɛyɛ anwonwade akyerɛ awufo, anaasɛ nsamanfo bɛsɔre ayi wo ayɛ? Sela 11 So wɔbɛka w’adɔe ɔda mu anaa wo nokwaredi ɔsɛe amoa mu? 12 So wobehu w’anwonwade, sum mu, ne wo trenee, awerɛfiri asase so? 13 Na me de, wo, AWURADE, na misu mefrɛ, na me mpaebɔ tua wo ahema. 14 AWURADE, adɛn na wotow me kra kyene, adɛn nti na wode w’anim hintaw me? 15 Meyɛ mmɔboroni, na mereyɛ mawu fi me mmofraase, wo ho hu akura me, na metɔ ntintan. 16 W’abufuw abu afa me so, w’ahide atware me; 17 atwa me ho ahyia te sɛ nsu daa adesae, ɛbom twa me ho dantaban. 18 Woayi ɔdɔfo ne adamfo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, na me manni akɔ sum mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana