Nnwom 84 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn fi ho anigye Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo nne so. Kora mma dwom 1 Wo tenabea hɔnom yɛ fɛ dɛn ara, asafo AWURADE. 2 Me kra ani gyina, ɛtɔ piti po, AWURADE adiwo no nti; me koma ne me honam di ahurusi ma Onyankopɔn teasefo. 3 Nso akasanoma anya ɔdan, na asomfena anya buw a ɔbɛtow ne mma agu mu, ɛne w’afɔremuka no, asafo AWURADE, me hene ne me Nyankopɔn. 4 Nhyira ne wɔn a wɔte wo fi, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ. Sela 5 Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu, na w’atempɔn wɔ ne komam. 6 Wotwam nusu bon no mu a, wɔdannan no nea mmasu wɔ, adonsu nso de nhyira pii kata so. 7 Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim, Sion. 8 AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso, Yakob Nyankopɔn! Sela 9 Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ, na hwɛ nea woasra no no anim. 10 Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tena mmom sɛn sɛ mɛtena abɔnefo ntamadan mu. 11 Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no. 12 Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana