Nnwom 80 - KYERƐW KRONKRONIsrael foforoyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sukooko” nne so. Asaf adansedi. Dwom 1 Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran. 2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo hobere so, na bra begye yɛn. 3 Onyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. 4 AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo befuw ahyɛ wo man mpaebɔ akosi da bɛn? 5 Wode nusu yɛɛ aduan ma wodii, na wode nusu ma wɔnomee. 6 Wode yɛn yɛɛ atutuw maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfo sereserew wɔ wɔn mu. 7 Asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. 8 Wutuu obobe fii Misraim bae, wututuu amanaman na wobɛtɛwee. 9 Wuyii n’anim kwan, na egyee ntini, na ɛyɛɛ asase ma. 10 Ne nwini kataa mmepɔw so, na ne nhama kataa Onyankopɔn kyeneduru so. 11 Ɛbaebae n’abaa mu koduu po ho, na n’abasa frɔmfrɔm kɔɔ asubɔnten no ho. 12 Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan so nyinaa tetew no yi? 13 Kwaem kɔkɔte sɛe no, na petee mu mmoa we. 14 Asafo Nyankopɔn, san w'akyi ɛ! Brɛ w’ani ase fi soro hwɛ, na bɛhwɛ obobe yi, 15 na bɛwaw nea wo nifa tɛwee no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo de no pintinn. 16 Wɔde ogya ahyew no, wɔatwitwa no, w’anim ateɛteɛ nti wɔresɛe. 17 Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo de pintinn no so, 18 na yɛrentwiw mfi wo nkyɛn. Ma yennya nkwa, na yɛmmɔ wo din. 19 AWURADE, asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana