Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 79 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem sɛefo
( Nnwom 74 )
Asaf dwom

1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade mu, wɔagu w’asɔrefi kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agowagow.

2 Wɔde wo nkoa amu ama wim nnomaa adi, wɔde w’ahotefo nam ama asase so mmoa.

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsu de atwa Yerusalem ho ahyia, na nea osie wɔn nni hɔ.

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

5 Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi, na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya?

6 Hwie w’abufuw gu amanaman a wonnim wo ne ahenni a wɔmmɔ wo din no so,

7 na wɔamene Yakob, na wɔagu ne tenabea.

8 Nkae kanfo amumɔyɛ mfa ngu yɛn so, yɛ ntɛm ma w’ayamhyehye mmehyia yɛn, na wɔabrɛ yɛn ase fɛmm.

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.

10 Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wonhu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wudi wo nkoa mogya a wɔka gui no so were.

11 Ma ɔpokyerɛni apinisi nnu w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ te no, kora owu mma so.

12 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dan no mpɛn ason gu wɔn kokom.

13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nguan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyi akyerɛ awo ntoatoaso nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan