Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 78 - KYERƐW KRONKRON


Israel po ne Yuda paw
( Nnwom 105 ; 106 )
Asaf nnwenho dwom

1 Me man, monyɛ aso mma me mmara, monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm.

2 Mebue m’ano mmebu mu, meyi atetesɛm adi sɛ akasabebui.

3 Nea yɛate na wɔama yɛahu na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no,

4 yɛremfa nhintaw wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no.

5 Ɔde adanse tintimii, Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara, Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhu,

6 na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahu, na wosi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

7 sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfi Nyankopɔn nneyɛe, na wonni ne mmara nsɛm so.

8 Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.

9 Efraim mmabanin, takurafo, bɛmmatofo, wɔdan wɔn ani koda.

10 Wɔanni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnantew mu.

11 Na wɔn werɛ fii ne nneyɛe ne n’anwonwade a ɔde kyerɛɛ wɔn no.

12 Ɔyɛɛ anwonwade wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu.

13 Ɔpaee po mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsu no gyinae sɛ kuw.

14 Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn.

15 Ɔpaee abotan mu sare so, na ɔma wɔnomee sɛ asukɛse.

16 Ɔmaa mmasu fii ɔbotan mu bae, na ɔmaa nsu senee sɛ asuten.

17 Na wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne, tew ɔsorosoroni no anim atua sare so.

18 Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam, bisaa no aduan sɛnea wɔn kɔn dɔe,

19 na wɔkasa hyɛɛ Onyankopɔn sɛ: So Onyankopɔn betumi atow ɔpon sare so?

20 Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsu tuei, na asubɔnten senee; so abodoo nso, obetumi ama, na wapɛ nam ama ne man?

21 Enti AWURADE tee no, ne bo fuwii, na ogya sɔe Yakob mu, na abufuw nso sɔre hyɛɛ Israel,

22 efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so.

23 Nanso ɔhyɛɛ wim tɔnn ɔsoro, na ohiɛɛ ɔsoro apon,

24 na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni, na ɔde soro aduan maa wɔn.

25 Atumfo aduan na onipa dii, ɔmaa wɔn aduan di mee.

26 Ɔmaa Apuei mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee nifa mframa bae,

27 na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfutuma, ne ntakraboa sɛ mpoano anwea.

28 Na ɔma wɔtotɔɔ wɔn nsram de twaa wɔn tenabea ho hyiae.

29 Na wodi mee boroo so, efisɛ ɔmaa wɔn, wɔn akɔnnɔde.

30 Wonnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no ɛ, wɔn aduan da so wɔ wɔn anom no,

31 Onyankopɔn abufuw sɔre hyɛɛ wɔn, na okunkum wɔn mu abran no mu bi, ɔde Israel mmerante hwehwee fam.

32 Eyi nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, na wɔannye n’anwonwade no anni.

33 Enti ɔmaa wɔn nna yerae sɛ ahuro, ne wɔn mfe ehu mu.

34 Ɔrekum wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsan bɛpɛɛ Onyankopɔn akyi kwan ntɛm,

35 na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefo.

36 Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no,

37 na wɔn koma de, ɛmmata ne ho, na wɔanni n’apam mu nokware.

38 Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.

39 Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkɔ na ɛnsan n’akyi bio.

40 Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so, na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so!

41 Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.

42 Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam,

43 na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne Misraim ne n’anwonwade, Soan petee mu no.

44 Ɔdan wɔn nsubɔnten mogya, na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa.

45 Ɔsomaa atɛn beguu wɔn so ma wɔbɛwee wɔn, ne mponkyerɛn ma wɔbɛsɛee wɔn.

46 Ɔde wɔn nnɔbae maa mmɛbɛw, na ɔde wɔn adwumade maa mmoadabi.

47 Ɔde amparuwbo sɛee wɔn bobe, na ɔde asukɔtwea bɔɔ wɔn ankye nnua,

48 na oyii wɔn afieboa maa amparuwbo, ne wɔn mmoakuw maa asraman.

49 Ɔtow n’abufuw hyewhyew no guu wɔn so; anibere, ahi ne ahohia, abɔfo bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn so no.

50 Ɔbɔɔ ɔkwan maa n’abufuw, wankora wɔn kra amfi owu mu, na oyii wɔn nkwa maa owuyare.

51 Na okum Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefi, Ham ntamadan mu.

52 Na ogyaa ne man sɛ nguan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw, sare so,

53 na ogyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro, na wɔn atamfo de, ɛpo no kataa wɔn so.

54 Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hye so, bepɔw a ne nsa nifa gyei no so.

55 Ɔpampam amanaman, wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so, na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu.

56 Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi, na n’adansesɛm no, wɔanni so.

57 Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo.

58 Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu.

59 Onyankopɔn tee, na ne bo fuwii, na Israel ho yɛɛ no nwini koraa.

60 Na ogyaw Silo tenabea no, ntamadan a osii nnipa mu no.

61 Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’anuonyam hyɛɛ ɔtamfo nsa.

62 Ogyaa ne man maa nkrante, na ne bo fuw n’agyapade.

63 Ogya hyew wɔn mmerante, na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforo dwom.

64 Wɔn asɔfo totɔɔ nkrante ano, na wɔn akunafo annya asuye.

65 Na AWURADE nyanee sɛ obi a ofi nna mu, sɛ ɔkatakyi a nsa ma ohuro,

66 na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.

67 Nso wampɛ Yosef ntamadan no, na Efraim abusuakuw no, wamfa;

68 na mmom ɔfaa Yuda abusuakuw, Sion bepɔw a wadɔ no no.

69 Na osii ne kronkronbea sɛ ɔsoro, sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.

70 Na oyii n’abofra Dawid, na ɔfaa no fii nguannan mu.

71 Ɔma ofii nguammere a wɔma nufu akyidi bae, sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel.

72 Na ɔyɛn wɔn koma mudi so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan