Nnwom 77 - KYERƐW KRONKRONMmere a atwam ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfo Yedutun. Asaf dwom 1 Mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no, mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me. 2 M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam ateɛ anadwo nyinaa, na ɛmpa abaw, me kra kame awerɛkyekye. 3 Mekae Nyankopɔn a, misi apini, midwen a, me honhom tɔ beraw. Sela 4 Wukura m’anisuatɛtɛw mu, ɛpempem me, na mintumi menkasa. 5 Midwen tete nna no, tete mmere no mu mfe, 6 mekae m’anadwo dwom, midwen me komam, na me honhom hwehwɛmu pɛsɛpɛsɛ. 7 So AWURADE bɛtow akyene daa, na ɔrennom bi bio? 8 So n’adɔe awie mutwa koraa anaa? So n’asɛm a ɔkae no asa ama awo ntoatoaso nyinaa? 9 So Onyankopɔn werɛ afi ɔdom, anaasɛ ɔde abufuw atwe ne mmɔborohunu ato ne yam? Sela 10 Ɛnna mise: Me dadwen a ɛda me so ne sɛ ɔsorosoroni no nifa asakra. 11 Mɛkae AWURADE nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, 12 na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho. 13 Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu, hena na ɔyɛ onyame kɛse sɛ Onyankopɔn? 14 Wone Nyankopɔn a woyɛ anwonwade, woama wɔahu wo tumi, aman mu. 15 Wode wo nsa na agye wo man, Yakob ne Yosef mma no. Sela 16 Asuasu huu wo, Onyankopɔn, asuasu huu wo, na wɔbɔɔ birim, abun nso wosowosowee. 17 Amununkum tɔɔ osu pribibibi, wim tɔnn gyigyei, w’agyan nso popaa anyinam, 18 wo prannaa boboom, ahum a edi kyinhyia mu. Anyinam hyerɛn wiase, asase popoe, na ɛwosowee. 19 Wo kwan faa po mu, ne wo tempɔn nsu pii mu, na wɔanhu w’anammɔn. 20 Wonam Mose ne Aaron nsa so begyaa wo man sɛ nguankuw. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana