Nnwom 76 - KYERƐW KRONKRONNkonimdi ne Nyankopɔn ayeyi dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Asaf sanku dwom 1 Yuda mu na wɔahu Nyankopɔn, ne din so Israel mu. 2 Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion. 3 Ɛhɔ na obubuu ta mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrante ne ɔsa. Sela 4 W’anim yɛ nyam, na ɛharan sen asade mmepɔw no. 5 Wɔapa abran akokodurufo no akode, wɔatɔ nko da wɔn nna, na ahoɔdenfo no mu biara annya nsa anyɛ hwee. 6 Yakob Nyankopɔn, w’ateɛteɛ nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ. 7 Wo na wo ho yɛ hu, na sɛ wo bo refuw a, hena na obetumi agyina w’anim? 8 Wufi soro ma wɔtee atemmu, asase suroe na ɛtɛm dinn, 9 bere a Onyankopɔn sɔre bebuu atɛn, sɛ obegye wɔn a wodwo, asase so nyinaa no. Sela 10 Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so. 11 Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no. Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ayɛyɛde mmrɛ nea ne ho yɛ hu no. 12 Ohuw atumfo home gu, ne ho yɛ asase ahene hu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana