Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 75 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn yɛ wiase temmufo trenee
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Nsɛe!” nne so. Asaf dwom

1 Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn: Wɔka w’anwonwade kyerɛ.

2 Mɛba bere a ɛsɛ mu, na me ara mabebu atɛntrenee.

3 Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa mu hodwo a, me na mede mu adum misisi hɔ. Sela

4 Mise ahupoofo sɛ: Monnyɛ ahupoo. Na mise abɔnefo sɛ: Mommma mo abɛn so.

5 Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa.

6 Na emfi Apuei na emfi Atɔe, nanso emfi mmepɔw sare so,

7 na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.

8 Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.

9 Na me de, mɛka ɛho asɛm daa, mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyi dwom,

10 na abɔnefo mmɛn nyinaa, mebubu, treneefo mmɛn na wɔbɛma so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan