Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 74 - KYERƐW KRONKRON


Asafo no amanehunu mu sufrɛ
Asaf nnwenho dwom

1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?

2 Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, na wugyee wɔn sɛ w’agyapade mantam no, Sion bepɔw a wobɛtenaa so no.

3 Ma w’anan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfo asɛe kronkron mu hɔ ade nyinaa.

4 W’atamfo teɛteɛm w’ahyiae mu, wɔasi wɔn nsɛnkyerɛnne de ayɛ nsɛnkyerɛnne.

5 Ɛyɛe sɛ wɔma mmonnua so kɔ soro rebetwa kwae mu nnupa,

6 na afei ɛho nnwinne nyinaa, wɔde akuma ne asae abubu.

7 Wɔde ogya ato wo kronkron mu hɔ, wɔagu nea wo din tenae no ho fi.

8 Wɔkae wɔn komam sɛ: Momma yemmia wɔn nkɔ fam prɛko. Wɔahyehyew Onyankopɔn ahyiae nyinaa, asase yi so.

9 Yenhu yɛn nsɛnkyerɛnne, odiyifo bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akosi.

10 Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn? Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa?

11 Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi fi wo kokom na sɛe wɔn!

12 Nanso Onyankopɔn ne me hene fi teteete, ɔyɛ ogye adwuma asase so.

13 Wo na wode w’ahoɔden paee po mu, wobobɔɔ nsu atweaseɛ ti, nsu no ani.

14 Wopɛtɛw bonsu ti, wode wɔn yɛɛ sare sofo aduan.

15 Wo na wuyii nsu aniwa ne asubɔnten, womaa asukɛse a ɛsen daa yowee.

16 Adekyee yɛ wo de, anadwo nso wɔ wo, wo na woasiesie akanea ne owia.

17 Wo na woatwa asase ano nyinaa hye, wo na woyɛɛ ahohuru ne awɔw bere.

18 Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho.

19 Mfa w’aturukuku kra nhyɛ mmoa nsa, mma wo werɛ mmfi wo mmɔborɔfo kra da.

20 Ma w’ani mmra apam no so, na atirimɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma.

21 Mma nea wɔhyɛ no so mmfa ahohora nnsan mmma, ma ɔmanehunufo ne ohiani nyi wo din ayɛ.

22 Onyankopɔn, sɔre, bedi wo ara w’asɛm, kae sɛnea nkwasea bɔ wo ahohora daa adesae.

23 Mma wo werɛ mmfi w’atamfo nne, wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan