Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 71 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE, nnyaw me

1 Wo AWURADE na maguan matoa wo, m’anim rengu ase da biara da.

2 Fa wo trenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa yi. Woahyɛ sɛ wonnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasu.

4 Me Nyankopɔn, gye me fi ɔbɔnefo nsam, gye me omumɔyɛfo ne otirimɔdenfo nsam.

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.

6 Wo na mifi yafunum mede m’akyi mitwerii wo, wuyii me fii me na yam, wo na meyi wo ayɛ daa yi.

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade, na wone me guankɔbea a ɛyɛ den.

8 W’ayeyi ne wo nidi bɛhyɛ m’anom ma daa adesae.

9 Ntow me nkyene nkwakorabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.

10 Na m’atamfo ka me ho asɛm, na wɔn a wobuw me kra bom tu agyina

11 ka sɛ: Onyankopɔn agyaw no; muntiw no nkyere no, na obi nni hɔ a obegye no.

12 Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware, me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13 Me kra ho asɛmpɛfo ani bewu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.

14 Na me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho.

15 M’ano bɛka wo trenee ne wo nkwagye daa adesae, efisɛ minnim ano.

16 Mede AWURADE ahoɔdenne mɛba mabɛkae wo trenee, wo nkutoo de no.

17 Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.

18 Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19 Na, Onyankopɔn, wo trenee kɔ ɔsorosoro, wo a woayɛ ade akɛse, Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

20 Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afi asase aku mu asan aba.

21 Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadan w’ani akyekye me werɛ.

22 Me nso mede bɛnta sanku meyi wo ayɛ, me Nyankopɔn ne wo nokware, mede sankuten mɛto wo, Israel hotefo no, dwom.

23 Meto ayeyi dwom mema wo a, m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsan no.

24 Mede me tɛkrɛma nso mɛka wo trenee ho asɛm daa, efisɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan