Nnwom 69 - KYERƐW KRONKRONAWURADE akoa a ɔwɔ amanehunu mu Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sukooko” nne so. Dawid de 1 Onyankopɔn, gye me nkwa, na nsu adu me kra ho. 2 Matɔ amoa kuronkuron atɛkyɛ a gyinabea nni hɔ mu, madu bun a nsu bu kata me so mu. 3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me menewa mu ayow, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ma m’ani abu. 4 Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma. 5 Onyankopɔn, wunim me nkwaseasɛm, na me mfomso nhintaw wo ɛ. 6 AWURADE, asafo AWURADE, mma wɔn a wɔtwɛn wo ani nnwu me ho, Israel Nyankopɔn, mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim nngu ase, me nti. 7 Na wo nti na magye ahohora, na aniwu ahyɛ m’ani so ma. 8 Madan me nuanom mu ɔhɔho, mayɛ me na mma mu ɔnanani. 9 Na wo fi ho mmɔdemmɔ amene me, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so. 10 Na me kra suu mmuada mu, na ɛdan me ahohorabɔ. 11 Mede atweaatam meyɛɛ me ntama, na meyɛɛ wɔn akasabebui. 12 Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm, na asanomfo de me to dwom. 13 Na me de, mebɔ wo, AWURADE, mpae, ɔdom bere mu; Onyankopɔn, w’adɔe kɛse nti, fa wo nkwagye nokware gye me so. 14 Yi me fi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wonyi me mfi wɔn a wokyi me nsam ne abun mu. 15 Mma asu a ayiri no mmfa me, na mma ebun mmmene me, na mma amoa nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano. 16 AWURADE, gye me so, na w’adɔe ye, dan w’ani kyerɛ me, sɛ wo mmɔborohunu bebree no te. 17 Na nyi w’ani nhintaw w’akoa, na me ho hia me, gye me so ntɛm. 18 Twiw bɛn me kra, na begye no, m’atamfo nti gye me. 19 Wunim m’ahohora ne m’aniwu ne me nsopa, w’ani tua m’ahohiafo nyinaa. 20 Ahohora apɛtɛw me koma, na abɔ me yare, na mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi. 21 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduan, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa nyinyanyinya sɛ mennom. 22 Ma wɔn pon a esi wɔn anim nnan sɛ apa, na wodi yiye a, ma ɛnyɛ afiri mma wɔn. 23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhu ade, na ma wɔn sisi mpopo daa, 24 ma w’ani mmere wɔn so, na w’awerɛhow ne w’abufuw nka wɔn. 25 Ma wɔn tenabea nnan amamfo, na obiara nntena wɔn ntamadan mu. 26 Efisɛ wɔtaa nea wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yaw kyerɛ. 27 Ma amumɔyɛ mmɔ wɔn amumɔyɛ so, na mma wɔmmma wo trenee mu. 28 Ma wonyi wɔn mfi ateasefo nhoma mu, na mma wɔnnkyerɛw wɔne treneefo din mmmom. 29 Na me de, meyɛ ɔmanehunufo ne ɔwerɛhowni, Onyankopɔn, ma wo nkwagye mma me so. 30 Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda makamfo no. 31 Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yiye asen nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apae. 32 Ahobrɛasefo hu a, wɔn ani begye; mo a mohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, mo koma nnya nkwa. 33 Na AWURADE tie ahiafo, na ɔnto n’apokyerɛfo ho mpe. 34 Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ, ɛpo ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa. 35 Na Onyankopɔn begye Sion na wakyekye Yuda nkurow, na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea. 36 Na ne nkoa asefo benya adi, na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana