Nnwom 68 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn nkonimdifo no ho ayeyi dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid sanku dwom 1 Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wokyi no nguan n’anim. 2 Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ abɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no. 3 Na treneefo ani begye, wobedi Nyankopɔn anim ahurusi na wɔn ho asan wɔn, anigye mu. 4 Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, monsesɛw ɔkwan mma nea ɔte ade so nam sare so reba, ne din de AWURADE, na munni n’anim ahurusi. 5 Nyisaa se ne akunafo sɛnnifo ne Nyankopɔn, ne tenabea kronkron mu. 6 Onyankopɔn ma ɔhokwafo nya mpɔn ne mma, otu apokyerɛfo ma wobedi yiye, na mansotwefo de, wɔtena nkyerekyerewa so. 7 Onyankopɔn, wufii adi dii wo man anim, wofaa sare pradada so no, Sela 8 asase wosowee, ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn anim, Sinai yi ara wosowee, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, anim. 9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔe su guu w’agyapade so, na ɛtɔ beraw a, wo na woma ɛyɛ yiye. 10 W’asafo tenaa so; Onyankopɔn, w’ayamye mu wusiesie maa amanehunufo. 11 AWURADE bɛka n’anom asɛm, mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so. 12 Atamfo dɔm ahemfo beguanguan, na ɔbea a ɔte fie no akyekyɛ asade mu. 13 Motete nguannan ntam a, ɛte sɛ aborɔnoma ntaban a wɔde dwetɛ agu ho, ne ne ntakra a sika fɛfɛ haran ho. 14 Otumfo bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛma, Salmon so. 15 Basan mmepɔw yɛ Onyankopɔn mmepɔw, Basan mmepɔw yɛ mmepɔw atenten. 16 Adɛn na mo mmepɔw atenten mode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena so no? Ampa, AWURADE bɛtena so daa. 17 Onyankopɔn ko teaseɛnam si mpem mpem ɔpehuhaa, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu. 18 Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ. 19 Nhyira ne AWURADE a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye. Sela 20 Ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn, na AWURADE na owu mu fi wɔ no. 21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛbobɔ n’atamfo ti, ɔbɛbɔ nea wasiw atimum na ɔkyea n’afodi mu no ti. 22 Na AWURADE aka sɛ: Mɛfa wɔn mafi Basan maba bio, mede wɔn mɛsan mafi po bun mu maba, 23 na wode wo nan akeka mogya mu, na w’akraman tɛkrɛma anya atamfo no ho biribi ataforo. 24 Onyankopɔn, wohu w’adi a worebefi, me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebefi, kronkronbea hɔ. 25 Nnwontofo di kan, asankubɔfo di akyiri, mmabaa a wɔka mpintin ntam. 26 Munhyira Onyankopɔn, mo asafo ahyiae mu, mo a mufi Israel abura mu, munhyira AWURADE. 27 Benyamin akumaa, wɔn sodifo no, wɔ hɔ; Yuda atitiriw, wɔn asafohene horow, Sebulon atitiriw ne Naftali atitiriw wɔ hɔ. 28 Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo; Onyankopɔn, hyɛ nea woayɛ ama yɛn yi mu den. 29 W’asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem nti ahene de ayɛyɛde bɛbrɛ wo. 30 Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuw ne anantwi mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔw abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodi mu. 31 Akunini fi Misraim bɛba, Etiopia bɛteɛ ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn. 32 Asase so ahenni, monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma AWURADE. Sela 33 Monto mma nea ɔte tete soro mu soro no. Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne no. 34 Momfa tumi mma Onyankopɔn, n’anuonyam kata Israel so, na ne tumi wɔ wim tɔnn. 35 Onyankopɔn ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana