Nnwom 66 - KYERƐW KRONKRONNkwagye ho ayeyi dwom a wɔto Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dwom 1 Asase nyinaa, munni ahurusi mmɔ ose mma Onyankopɔn, 2 monto dwom mma ne din anuonyam, monhyɛ no anuonyam nyi no ayɛ. 3 Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo. 4 Asase nyinaa bɛsɔre wo, na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din. Sela 5 Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu. 6 Ɔmaa ɛpo dan asase kesee, wɔde anammɔn twaa asu kɛse, ɛno nti yɛn ani gye ne ho. 7 Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Sela 8 Aman, munhyira yɛn Nyankopɔn, na momma wɔnte n’ayeyi yiye. 9 Ɔde yɛn kra asi nkwa mu, na wamma yɛn nan anwatiri. 10 Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu. 11 Wode yɛn ahyɛ asawu mu, wode adesoa pemee asoa yɛn. 12 Woama ɔdesani anantew yɛn ti so, yɛafa ogya ne nsu mu, nanso woayi yɛn aba nea nnepa abu so hɔ. 13 Mede ɔhyew afɔre mɛkɔ wo fi, mɛma wo m’aboade, 14 nea mede mibuee m’ano, ne nea m’ano kae m’ahohia mu no. 15 Mede nguan a wɔadɔ ne adwennini a ɛyɛ huam mɛbɔ wo ɔhyew afɔre, mede anantwi ne mpapo mɛbɔ afɔre. Sela 16 Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra. 17 Mede m’ano misu mefrɛɛ no, na mede me tɛkrɛma miyii no ayɛ. 18 Sɛ midi ahuhude akyi me komam a, anka AWURADE rentie me. 19 Ampa ne ampa, Onyankopɔn atie me, wayɛ aso atie me mpaebɔ. 20 Nhyira ne Nyankopɔn a wannan me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔe amfi me so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana