Nnwom 65 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn nhyira ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 Onyankopɔn, wɔde abodam yi wo ayɛ wɔ Sion, na wo na wɔde aboade ma wo. 2 Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba. 3 Amumɔyɛde boroo me so, wo na woakata yɛn mmarato so. 4 Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntena w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no. 5 Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo so, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so. 6 Wode w’ahoɔden de mmepɔw tintim hɔ, wode tumi amia. 7 Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkye huuyɛ gyae, na woma amanaman kitikitiyɛ ano dwo. 8 Na wo nsɛnkyerɛnne nti wɔn a wɔte akyirikyiri noho suro, woma wɔn a wɔte apuei ne atɔe noho tɔnn to ahosan dwom. 9 Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ. 10 Wuguguu n’akofi so nsu de honoo mu apɔwapɔw, wode osu yɛɛ no bɛtɛɛ, wuhyiraa ne fifi so. 11 Woabɔ w’ayamye afirihyia abotiri, na srade sosɔɔ w’akwan so. 12 Ɛsosɔɔ sare so adidibea so, na mpampa de abotɔyam ahyehyɛ wɔn ho. 13 Nguankuw ahyɛ adidibea no ma, aburow nso akata abon no mu, wodi ahurusi bɔ ose, anigye dwom nko ara na wɔto. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana