Nnwom 63 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ho anigyina Dawid dwom. Ɔwɔ Yuda sare so no, na ɔtoe 1 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so. 2 Ne saa na mehwɛɛ wo wɔ kronkronbea hɔ, sɛ mehu wo tumi ne w’anuonyam. 3 Na w’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ. 4 Ne saa na mete ase yi mehyira wo, wo din mu na mɛma me nsa so. 5 Ɛbɛmee me kra sɛ hon ne srade, na mede ahosan mu anotew meyi wo ayɛ. 6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, medwen wo ho, adasu mu. 7 Na woayɛ me boafo, na wo ntaban ase nwini mu midi ahurusi. 8 Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa so me mu. 9 Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no besian akɔ asase ase tɔnn. 10 Wɔde wɔn bɛto afoa ano, wɔbɛyɛ sakraman de. 11 Na ɔhene de, n’ani begye Onyankopɔn ho; obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehye ne ho, na wobemua wɔn a wodi atoro ano. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana