Nnwom 62 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn mu kommyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfo Yedutun. Dawid dwom 1 Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na minya nkwagye. 2 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim bebree bi. 3 Mobɛhaw obiakofo akosi da bɛn, na mo nyinaa aburuw no sɛ ɔfasu a akyea ne ban a agow? 4 Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew. Sela 5 Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara, na ne nsam na minya nea m’ani da so. 6 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim. 7 Onyankopɔn nsam na me nkwagye ne m’anuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me guankɔbea ne Nyankopɔn. 8 Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. Sela 9 Ampa ara, nnipa mma yɛ ahuhuw, mmarima mma yɛ hunu; wogu nseniam a, ehuan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ ahuhuw. 10 Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so. 11 Onyankopɔn akasa pɛnkoro, mprenu na mate: Sɛ tumi yɛ Onyankopɔn dea, 12 na wo, AWURADE, na ɔdom wɔ wo. Na wubetua onipa ka sɛ n’adwuma te. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana