Nnwom 61 - KYERƐW KRONKRONOtukɔ mu dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa ɔsanku nto. Dawid de 1 Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. 2 Mifi asase ano misu mefrɛ wo, me koma ahometew mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sen me so. 3 Na wo na woayɛ me guankɔbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfo anim. 4 Mɛtena wo ntamadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me so no ase. Sela 5 Na wo, Nyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wosuro wo din agyapade ama me. 6 Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfe akodu awo ntoatoaso a edidi so so. 7 Ɔbɛtena Onyankopɔn anim daa, fa adɔe ne nokware hwɛ no so. 8 Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana