Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 60 - KYERƐW KRONKRON


Nkogu akyi mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Adansedi sukooko” nne so. Dawid abebu dwom. Wɔmfa nkyerɛkyerɛ ade. Ɔtoe bere a ɔne Mesopotamia ne Soba Siriafo koe, na Yoab san kokum Edomfo ɔpedumien, nkyene bon mu no

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

2 Woama asase awosow, woapae mu, fa n’asinasin sisi anim, na ehinhim.

3 Woama wo man ahu nea ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa.

4 Wode frankaa ama w’afɛrefo sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokware nti. Sela

5 Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.

6 Onyankopɔn akasa n’ahotew mu: Medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon.

7 Gilead wɔ me, na Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dadekyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma

8 Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, me nti Filistifo asase teɛteɛm.

9 Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom?

10 Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

11 Bɛboa yɛn ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi.

12 Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan