Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 58 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn ne ɔtemmufo
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Nsɛe!” nne so. Dawid abebu dwom

1 Mo atumfo, ampa ara moka asɛntrenee? Oo, nnipa mma, mubu atɛntrenee anaa?

2 Dabi, mudi asɛmmɔne koma mu, mo nsam akokobirisɛm na mokari de ma, asase so.

3 Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.

4 Wɔn bɔre te sɛ ɔwɔ bɔre, wɔte sɛ ahurutoa sitifo a wasiw n’aso

5 a entie ntafowayifo a woyi nkonyaa nyansam.

6 Onyankopɔn, bubu wɔn se wɔn anom, AWURADE, tutu gyataforo sebɔmmɔfo.

7 Wɔbɛyow sɛ nsu a ɛretwe, ma wontiatia wɔn so sɛ sare, na ma wɔnhyew.

8 Ɔsen sɛ nwaw a wɔapɛtɛw no, sɛ ɔba a ɔbea apɔn a onhuu owia da.

9 Ansa na mo nkutu bɛte nsɔe no nka no, sɛ ɛyɛ momono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyew bɛpra ne nyinaa agu.

10 Ɔtreneeni ani begye sɛ wahu aweredi, ɔbɛhohoro ne nan ase, ɔbɔnefo mogya mu.

11 Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni, ampa Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan