Nnwom 57 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn mu ahotoso Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid abebu dwom. Wɔnto no “Nsɛe!” nne so. Ɔtoe ɔbodan no mu bere a oguan Saul no 1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam. 2 Misu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a odi ma me wie. 3 Ɔbɛsoma afi soro abegye me, ɔbɔ nea ɔregye me amene me no ahohora. Sela Onyankopɔn bɛsoma ne dom ne ne nokware. 4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam. 5 Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so. 6 Wosum m’anammɔn afiri, me kra brɛɛ ase, wotuu me kwan so amoa, wɔn ankasa ahwehwe mu. Sela 7 Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim, mɛto dwom na mayi ayɛ. 8 M’anuonyam, nyan, bɛnta sanku ne sankuten, nyan, me nso menyan adekyeehema. 9 AWURADE, mɛda wo ase aman mu, mɛto wo ayeyi dwom aman mu, 10 na w’adɔe so kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn. 11 Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana