Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 56 - KYERƐW KRONKRON


Amanehunu mu anidaso
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid abebu dwom. Wɔnto no “Ananafo mu aborɔnoma mum” nne so. Ɔtoe bere a Filistifo kyeree no Gat no.

1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdesani pɛ me amene me, daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.

2 M’atɛwfo pɛ me amene me daa adesae, na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.

3 Ɛda a misuro no, mede me ho mitweri wo.

4 Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, ɔhonam betumi ayɛ me dɛn?

5 Da biara wotutu me nsɛm ano sisi, bɔne nko ara na wodwen me ho.

6 Wɔn ano hyia ma wɔtɛw me, na wɔkari m’anammɔn, efisɛ wɔtwɛn me kra.

7 Wɔde amumɔyɛ benya ɔkwan aguan anaa? Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuw so.

8 Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano, fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?

9 Ɛno na m’atamfo bɛsan wɔn akyi, ɛda a misu mefrɛ no. Eyi na minim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.

10 Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, AWURADE mu na miyi n’asɛm ayɛ.

11 Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?

12 Onyankopɔn, w’aboade wɔ me hɔ, mɛbɔ aseda afɔre mama wo.

13 Na woagye me kra afi wu mu, so worenyi m’anan mfi asehwe mu? Na manantew Onyankopɔn anim, nkwa hann mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan