Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 55 - KYERƐW KRONKRON


Dwom a etia ɔtan ne nnaadaa
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto. Dawid nnwenho dwom

1 Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhintaw wo ho mfi me nkotɔsrɛ ho.

2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene nnwam me nkɔmmɔ mu, na misi apini,

3 ɔtamfo nne ne abɔnefo ahoguan nti. Na wɔbɔ mmusu gu me so, na wɔde abufuw tan me.

4 Me koma pere wɔ me mu, na owu ho hu agu me so.

5 Osuro ne ahopopo aba me so, na ahoyeraw akata me so.

6 Na mise: O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aborɔnoma de ɛ, anka metu makɔtena baabi.

7 Yiw, anka meguan makɔ akyirikyiri, na makɔtena sare so. Sela

8 Anka mɛyɛ ntɛm maguan mafi mframa kɛse ne ahum yi mu.

9 AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paapae wɔn tɛkrɛma mu, na mahu amimdi ne atutuw, kurow no mu.

10 Awia ne anadwo wɔnam n’afasu so twa ho hyia, na amumɔyɛ ne ɔhaw wɔ mu.

11 Amammɔesɛm wɔ mu, na nhyɛso ne nnaadaa mpa n’abɔnten so.

12 Na ɛnyɛ ɔtamfo na ɔbɔ me ahohora, ɛno de, anka metie. Ɛnyɛ nea okyi me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me so, anka mede me ho mehintaw no.

13 Na wo, me yɔnko a me ne wo bɔ, me yɔnko ne me manni,

14 wo a wo ne me di atirimsɛm dɛdɛ, na yɛnam yuu kɔ Onyankopɔn fi.

15 Ma owu ntow nsi wɔn so, ma wonsian nkɔ asaman anikan, na nsɛmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.

16 Me de, mesu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abegye me.

17 Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.

18 Wagye me kra asomdwoe mu, na wɔammɛn me, na wɔn a wɔne me anya dɔɔso.

19 Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn, na ɔno na ɔte hɔ fi teteete. Wɔn de, wɔnsakra, nanso wonsuro Onyankopɔn. Sela

20 Ɔteɛ ne nsa ne yɔnko pa nom so, wabu n’apam so.

21 N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.

22 Dan w’adesoa to AWURADE so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.

23 Na wo, Nyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛe amoam, mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nna fa, na me de, mede me ho meto wo so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan