Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 54 - KYERƐW KRONKRON


Atamfo ho mpaebɔ ne aboadema
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto. Dawid nnwenho dwom. Ɔtoe bere a Sififo bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid abehintaw yɛn nkyɛn, no

1 Onyankopɔn, fa wo din so gye me, na fa wo tumi di m’asɛm ma me.

2 Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso tie m’anom nsɛm;

3 na ananafo asɔre ahyɛ me, na atirimmɔdenfo rehwehwɛ me kra, wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi. Sela

4 Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo, AWURADE nko ne nea oso me kra mu.

5 Ɔbɛma m’atɛwfo bɔne asan akɔ wɔn so, fa wo nokware yi wɔn hɔ.

6 Meyi me yam mabɔ wo afɔre; AWURADE, meyi wo din ayɛ sɛ eye.

7 Na wagye me, amane nyinaa mu, na m’aniwa ahu nea mepɛ m’atamfo ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan