Nnwom 52 - KYERƐW KRONKRONAmimfo awiei Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid nnwenho dwom. Ɔtoe bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fi no 1 Ɔkatakyi, ɛdɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Onyankopɔn adɔe wɔ hɔ daa nyinaa. 2 Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta. 3 Wopɛ bɔne sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nea ɛteɛ. Sela 4 Nkɔnkɔnsa tɛkrɛma, wopɛ amammɔesɛm ara nko. 5 Onyankopɔn bɛbɔ wo ahwe fam koraa, obeyi wo hɔ atu wo afi wo tenabea, na watutu w’ase afi ateasefo asase so. Sela 6 Treneefo nso behu asuro, na wɔaserew no sɛ: 7 Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden, na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni. 8 Na me de, mete sɛ ngo dua frɔmfrɔm, Onyankopɔn fi, mede me ho meto Nyankopɔn dom so daa daa. 9 Meyi wo ayɛ sɛ wo na woyɛe, na mɛtwɛn wo din, efisɛ eye, w’ahotefo anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana