Nnwom 51 - KYERƐW KRONKRONDawid ahonu mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom; ɔkɔɔ Batseba ho a odiyifo Natan baa ne nkyɛn no na ɔtoe 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. 2 Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. 3 Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi. 4 Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam, na wo ho atew, w’atemmu mu. 5 Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me. 6 Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu. 7 Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma. 8 Ma mente anigye ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubu no adi ahurusi. 9 Yi w’ani fi me bɔne ho hintaw, na popa m’amumɔyɛ nyinaa. 10 Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu. 11 Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so. 12 Ma minnya wo nkwagye ho abotɔyam bio, na ayamye honhom nso me mu. 13 Mɛkyerɛ mmaratofo w’akwan, na nnebɔneyɛfo adan aba wo nkyɛn. 14 Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom. 15 AWURADE, bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi. 16 Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyew afɔre nsɔ w’ani. 17 Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo. 18 Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yiye; to Yerusalem afasu! 19 Ɛno na wobɛpɛ trenee afɔre, ɔhyew afɔre ne afɔre mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana