Nnwom 50 - KYERƐW KRONKRONOnyamesom pa ( 1 Samuel 15.22 ) Asaf dwom 1 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, rekasa, na ɔfrɛ asase fi awiapuei de kosi n’atɔe. 2 Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ mu, na Onyankopɔn fi haran. 3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehyew ade, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia. 4 Ɔfrɛ ɔsorofo, ɔsoro, ne asase, sɛ ɔrebebu ne man atɛn. 5 Mommoaboa m’ahotewfo ano mma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no. 6 Na ɔsoro bɛka ne trenee akyerɛ, efisɛ Onyankopɔn na ɔrebebu atɛn. Sela 7 Me man, muntie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebedi wo adanse: Me, Nyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn. 8 Ɛnyɛ wo kum afɔre nti na mɛka w’anim, na wo hyew afɔre wɔ m’anim daa yi. 9 Meremfa wo fi mu nantwinini, wo nguannan mu mpapo, 10 efisɛ kwae mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔw apem so mmoa. 11 Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa, na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ. 12 Sɛ ɔkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me. 13 So midi anantwinini nam? Na menom mpapo mogya? 14 Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no, 15 na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam. 16 Na ɔbɔnefo de, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛde na wode w’ano bɔ m’apam din, 17 na wo koro yi ara wukyi animka na wotow me nsɛm gu w’akyi? 18 Sɛ wuhu owifo a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefo bɔ. 19 Wugyaa w’ano mu kɔ bɔne mu, na wo tɛkrɛma toatoa nnaadaasɛm. 20 Wotena ase ka wo nua ho nsɛm, wo na ba mpo, wosopa no. 21 Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim. 22 Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ. 23 Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ me anuonyam, na ɔbɔ ɔkwan a mekyerɛ no Nyankopɔn nkwagye wɔ so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana