Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 5 - KYERƐW KRONKRON


Anɔpa afɔre so mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom

1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, hwɛ m’apinisi a mikuram.

2 Tie me nteɛm, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpae.

3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na mesiesie mama wo, na mɛhwɛ wo kwan.

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentena.

5 Ahantanfo rennyina w’anim, wotan amumɔyɛfo nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo.

7 Na me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi. Na wo ho suro mu na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow.

8 AWURADE, fa wo trenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛw me nti, teɛ wo kwan wɔ m’anim.

9 Na wɔn anom nni nokwasɛm bi, ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma, wɔn menewa yɛ ɔda a abue, na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.

10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfi wɔn agyinatu ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, efisɛ wɔasɔre atia wo.

11 Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

12 Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan