Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 49 - KYERƐW KRONKRON


Abɔnefo ahotɔ nkyɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma dwom

1 Aman nyinaa, muntie eyi, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.

2 Nnipa mma mpapahwekwa oo, mmarima mma a wɔwɔ din oo, adefo ne ahiafo nyinaa.

3 M’ano bɛka anyansasɛm, na me komam nsusuwii yɛ nhumu ara nko.

4 Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.

5 Adɛn nti na minsuro nna bɔne mu, nna a m’atɛwfo amumɔyɛ twa me ho hyia mu?

6 Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho.

7 Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade,

8 na wɔn kra gye bo yɛ den, na ɛma ogyaw hɔ koraa,

9 sɛ ɔntena ase ara daa, na wanhu ɔdamoa.

10 Na ohu sɛ anyansafo wuwu, ne saa nso na nkwasea ne agyimifo sɛe, na wogyaw wɔn ahode ma ebinom.

11 Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afi atena hɔ akosi awo ntoatoaso so; wɔde wɔn din toto wɔn nsaase.

12 Nanso onipa a ɔwɔ nidi mu no, ɔrentena mu, ɔte sɛ mmoa a woyi wɔn hɔ.

13 Ɔkwan a nkwasea fa so ni, na wɔn a wɔpɛ wɔn anom asɛm no di wɔn akyi. Sela

14 Wɔboa asaman sɛ nguan, owu hwɛ wɔn so, na treneefo betiatia wɔn so anɔpa, na wɔn de, asaman bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.

15 Na me kra de, Onyankopɔn begye no asaman nsam, na obegye me. Sela

16 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro, sɛ ne fi anuonyam redɔɔso a, nsuro,

17 na owu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’anuonyam rensian nni n’akyi.

18 Sɛ ohyira ne kra ne nkwa bere mu, nso woyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yiye a,

19 ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu, wɔrenhu hann ara da.

20 Onipa a ɔwɔ nidi mu na onni nhumu no, ɔte sɛ mmoa a woyi wɔn hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan