Nnwom 48 - KYERƐW KRONKRONSion yɛ Onyankopɔn kurow Kora mma dwom 1 AWURADE yɛ kɛse, na woyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kurow mu, ne bepɔw kronkron so. 2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔw, benkum fam twɔtwɔw no, ɔhenkɛse kurow no. 3 Onyankopɔn ama wɔahu no, kurow yi aban mu, sɛ abankɛse. 4 Na hwɛ, ahene behyiae, wɔboom yuu bae. 5 Wobehui, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔbɔɔ hu, na woguanee torom. 6 Nketenkete kitaa wɔn, ɛyaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔreko awo. 7 Wode Apuei mframa bobɔɔ Tarsis ahyɛn. 8 Sɛ yɛtee no, sɛ yehuu no ne no, asafo AWURADE kurow mu, yɛn Nyankopɔn kurom, Onyankopɔn ma n’ase tim daa. Sela 9 Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔe w’asɔrefi hɔ, 10 Onyankopɔn, sɛ wo din te no, saa ara na w’ayeyi te de kosi asase ano ano; trenee ahyɛ wo nsa nifa ma. 11 Ma Sion bepɔw ani nnye, ma Yuda mmabea nni ahurusi, w’atemmu nti. 12 Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten, 13 momfa mo ani nkari n’afasu, monhwehwɛ n’aban mu yiye, na moaka akyerɛ awo ntoatoaso a ebedi mo akyi no, 14 sɛ saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana