Nnwom 47 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn di hene Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma dwom 1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigye huro mmɔ ose mma Onyankopɔn. 2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛse, asase nyinaa so. 3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfo hyɛ yɛn nan ase. 4 Oyi yɛn apɛgyade ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no anuonyanne. Sela 5 Onyankopɔn de anigye huro kɔ ɔsoro, AWURADE de torobɛnto gyigye kɔ. 6 Monto Onyankopɔn dwom, monto ayeyi dwom, monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyi dwom. 7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sanku nto nnwenho dwom. 8 Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahengua kronkron so. 9 Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm wɔ Onyankopɔn, wɔama no so kɛse. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana