Nnwom 46 - KYERƐW KRONKRON“Yɛn Nyame ne abankɛse” Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma dwom. Wɔnto no “Mmaabun” nne so 1 Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui. 2 Enti kansesɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu gu po bun mu, 3 na emu nsu woro na ehuru na n’asorɔkye ma mmepɔw wosow a, yɛrensuro. Sela 4 Asu bi, n’abaa ma Onyankopɔn kurow ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no. 5 Onyankopɔn te mfinimfini, ɛnwosow, Onyankopɔn boa no anɔpahema. 6 Amanaman yɛ hoo, ahenni wosowosow, ɔma ne nne so ma asase nan. 7 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela 8 Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. 9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam. 10 Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so. 11 Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana