Nnwom 45 - KYERƐW KRONKRONƆhene ne ayeforo Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sukooko” nne so. Kora mma nnwenho, adɔde dwom 1 Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so. Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no! Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare kyerɛwdua. 2 Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa. 3 Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. 4 Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu. 5 W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfo komam. 6 Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daa daa, w’ahenni poma yɛ trenee poma. 7 Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo. 8 Kurobow ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hua wo ntade nyinaa mu, sanku a wɔbɔ asommɛn aban mu ma w’ani gye. 9 Ahene mmabea wɔ wo mmea anuonyamfo mu, wo dɔyere abegyina wo nifa, Ofir sika mu. 10 Ɔbabea, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfi wo man ne w’agya fi. 11 Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no. 12 Na Tiro babea de ayɛyɛde ba, na ɔman mu adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 13 Ɔhene babea wɔ anuonyam kɛse mu, ɔdan mu, wɔde sikatam abu n’adurade. 14 Ɔhyɛ mmobom atade, na wɔde no brɛ ɔhene, wɔde mmabun a wɔyɛ ne mfɛfo di n’akyi brɛ wo. 15 Wɔde anigye ne ahosan na ɛde wɔn reba, wɔkɔhyɛn ɔhene aban mu. 16 Wo mma besi w’agyanom anan mu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene. 17 Mɛma wɔakae wo din, awo ntoatoaso nyinaa mu, enti na aman beyi wo ayɛ daa daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana