Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 43 - KYERƐW KRONKRON


Fa wo ho to Nyankopɔn so

1 Onyankopɔn, bu me bem, fi ɔman a wonnye nni nsam. Gye me fi okontomponi ne omimfo nsam.

2 Na wone me guantoa Nyankopɔn, adɛn nti na wotow me kyene? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?

3 Ma wo hann ne wo nokware mmedi me kan, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo tenabea.

4 Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan