Nnwom 41 - KYERƐW KRONKRONAmane a efi ɔyare ne atamfo mu Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, AWURADE begye no, da bɔne mu. 2 AWURADE bɛhwɛ no so na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. 3 AWURADE bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye. 4 Me de, mekae sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ, sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne! 5 M’atamfo kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na obewu na ne din ayera? 6 Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atosɛm, ne koma tase nsɛnhunu fa, ofi adi kɔkeka. 7 Wɔn a wɔtan me nyinaa tutu me ho asu, wosusuw me ho bɔne ka sɛ: 8 Abusude akita no, na afei a ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio. 9 M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so a odii m’aduan bi no, wama ne nantin so atia me. 10 Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ, na ma me so, na mintua wɔn so ka! 11 Eyi ho na mehu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfo renni me so ahurusi. 12 Na me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mu a midi mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa. 13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana