Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 40 - KYERƐW KRONKRON


Aseda ne adesrɛ mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Ɔtwɛn na metwɛn AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me,

2 na ɔtee me sufrɛ. Na oyii me fii ɔsɛe amoa mu, fii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii.

3 Na ɔde dwom foforo ahyɛ m’anom, yɛn Nyankopɔn ayeyi dwom. Nnipa bebree behu asuro, na wɔabata AWURADE ho.

4 Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so, na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi.

5 AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, woasiesie aso de ama me, wummisa ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre.

7 Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm nhoma mmobɔwee no mu.

8 Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.

9 Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wunim.

10 Mankora wo trenee so me komam, maka wo nokware ne wo nkwagye, mansiw w’adɔe ne wo nokware so, asafo kɛse mu.

11 Wo AWURADE, worensiw me wo mmɔborohunu so, w’adɔe ne wo nokware bɛbɔ me ho ban daa,

12 Na bɔne a wonnim ano atwa me ho ahyia, m’amumɔyɛ aso me mu a ɛmma minhu ade bio, ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma agyaw me.

13 AWURADE, ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubegye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me!

14 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi, na wɔnnan ahohorafo!

15 Wɔn a wose me sɛ: Wiɛ, wiɛ! No, ma wɔn ho nnwiriw wɔn, wɔn aniwu akatua so.

16 Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye nka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

17 Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani de, nanso AWURADE dwen me ho. Wone me boafo ne me gyefo, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan