Nnwom 39 - KYERƐW KRONKRONAmanehunu mu boasetɔ Wɔde ma dwonkyerɛfo Yedutun. Dawid dwom 1 Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi. 2 Medan mum meyɛɛ komm, mimuaa m’ano, papa ho, nanso me yaw mu yɛɛ den. 3 Me koma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwennwen no, na ogya no dɛwee, na mede me tɛkrɛma mekasae. 4 AWURADE, ma minhu m’awiei ne me nna kakra a wɔasusuw no, ma minhu me kyɛ a mammɛkyɛ. 5 Hwɛ, woayɛ me nna nsama pɛ, na me mfe nyɛ hwee, w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ dɛn ara a, na ɔyɛ ohuruhuro ara kwa. Sela 6 Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano. 7 Na afei, AWURADE, dɛn na metwɛn? Wo so na m’ani da. 8 Gye me fi me mmarato nyinaa mu, mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora. 9 Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ. 10 Yi wo haw fi me so. Wo nsa ano hwe rehyew me. 11 Sɛ wode amumɔyɛ ho animka twe onipa aso a, woma n’ahoɔfɛ hyew sɛ nwewee yɛ. Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ohuruhuro. Sela 12 AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa. 13 Yi w’ani fi me so, na mentew m’anim, ansa na mafi ha, na wɔanhu me bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana