Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 38 - KYERƐW KRONKRON


Amanehunu mu ahonu dwom
( Nnwom 6 )
Dawid dwom a wɔde bɔ nkae

1 AWURADE, ntwiw m’anim w’abufuw mu, na ntwe m’aso w’anibere mu;

2 na w’agyan awowɔ me, na wo nsa aduru me so.

3 W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu;

4 na me mfomso aboro me ti so, ɛden me so sɛ adesoa duruduru.

5 M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti.

6 Mapompono, na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.

7 Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu;

8 mahodwow, na mabubu pasaa, me koma apinisi nti misu dennen.

9 AWURADE, nea mepɛ nyinaa da w’anim, na me pene nhintaw wo.

10 Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann po nni me ho bio.

11 M’adɔfo ne me nnamfo afi me haw no ho akogyina nsrɛnso, na m’abusuafo gyinagyina akyirikyiri.

12 Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa.

13 Na me de, mete sɛ ositifo a ɔnte asɛm, na mete sɛ mum a ommue n’ano.

14 Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm na n’anom nni ntuatuaano.

15 Na wo, AWURADE, na m’ani da wo so, AWURADE, me Nyankopɔn, wubebua.

16 Na mise: Mma wɔn ani nnnye me ho, na sɛ me nan watiriw a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.

17 Na mereyɛ mahwe ase, na me yaw wɔ m’anim daa.

18 Na meka me mfomso, me bɔne nti me werɛ ahow.

19 Na m’atamfo ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

20 Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a midi akyiri nti wɔpɛ me ho asɛm.

21 AWURADE, nnyaw me, me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.

22 Yɛ ntɛm bɛboa me, AWURADE, m’agyenkwa!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan