Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 37 - KYERƐW KRONKRON


Abɔnefo ahotɔ nkyɛ
( Nnwom 49 ; 73 )
Dawid de

1 Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho;

2 na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.

3 Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokware,

4 na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo nea wo koma pɛ.

5 Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ,

6 na wayi wo trenee adi sɛ adekyee, ne wo bem sɛ owigyinae.

7 Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.

8 Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko,

9 na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wobenya asase no adi.

10 Ate kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne tenabere a, na onni hɔ.

11 Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.

12 Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so:

13 AWURADE serew no, efisɛ wahu sɛ ne da reba.

14 Abɔnefo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn ta mu, sɛ wɔbɛma ɔmanehunufo ne ohiani ahwe ase, na wɔakum wɔn a wɔn abrabɔ ye:

15 Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam, na wɔn ta abubu.

16 Ade kakra a onipa trenee wɔ no ye sen abɔnefo bebree ahonyade dodow.

17 Na abɔnefo abasa bebubu, na AWURADE wowaw treneefo.

18 AWURADE nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.

19 Wɔn ani renwu bere bɔne mu, na wɔbɛmee, ɔkɔm mmere mu.

20 Na abɔnefo bɛyera, na AWURADE atamfo bɛyɛ sɛ sare momono fɛfɛ, wɔbɛhyew awie sa sɛ owusiw.

21 Ɔbɔnefo fɛm, na ontua, na ɔtreneeni hu mmɔbɔ, na ɔma.

22 Na wɔn a wahyira wɔn na ebedi asase no, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wobeyi wɔn hɔ.

23 AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yiye, na ne kwan sɔ n’ani,

24 sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ AWURADE kura ne nsam.

25 Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.

26 Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefo nso yɛ nhyira.

27 Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa;

28 efisɛ AWURADE dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.

29 Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.

30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma bu atɛntrenee;

31 ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw.

32 Ɔbɔnefo tɛw ɔtreneeni, na ɔhwehwɛ no akum no.

33 AWURADE rennyaw no ne nsam, na sɛ wobu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.

34 Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.

35 Mahu ɔbɔnefo a odi tumi, na ɔdennan sɛ dua frɔmm a anya asiye,

36 na obi twaa mu no, na hwɛ, onni hɔ, na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ; sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.

38 Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.

39 Na treneefo nkwagye fi AWURADE, ɔne wɔn guankɔbea, ahohia da mu.

40 Na AWURADE boa wɔn, na ogye wɔn, oyi wɔn fi abɔnefo nsam, na ogye wɔn nkwa, efisɛ wɔde wɔn ho to no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan