Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 36 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn adɔe
Wɔde ma dwonkyerɛfo. AWURADE akoa Dawid de

1 Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ me koma mu: Onyankopɔn suro biara nni n’ani so.

2 Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi.

3 N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.

4 Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.

5 AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.

6 Wo trenee te sɛ Onyankopɔn mmepɔw, w’atemmu te sɛ ebun a emu dɔ. AWURADE, wugye nnipa ne mmoa nkwa.

7 Onyankopɔn, w’adɔe no so dɛn ara! Na nnipa mma de wɔn ho dɔ wo ntaban nwini ase.

8 Wo fi mu srade meemee wɔn, na woma wɔnom w’anigye asubɔnten.

9 Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ, wo hann mu na yehu hann.

10 Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo, ne wo trenee mma koma mu teefo.

11 Mma ɔhantanni nan nntia me, na mma abɔnefo nsa nnsum me!

12 Ɛnne na amumɔyɛfo atotɔ, woasum wɔn ahwehwe fam a wontumi nsɔre.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan