Nnwom 35 - KYERƐW KRONKRONAtamfo nti ɔhwehwɛ ɔboa Dawid de 1 AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no, nko! 2 So ɔkyɛm ne nkataanim, na sɔre bɛboa me. 3 Twe peaw na siw wɔn a wɔtaa me no kwan, ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me! 4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsan wɔn akyi! 5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛwa, mframa anim, na ma AWURADE bɔfo nsum wɔn ngu! 6 Ma wɔn akwan mu nnuru sum, na ɛnyɛ patoropatoro, na AWURADE bɔfo ntaa wɔn! 7 Na wɔasum me afiri wɔn amoam kwa, na wɔatu me kra amoa kwa. 8 Ma ɔsɛe mmefi wɔn aworaw, na ma n’afiri a wɔasum ahintaw no nyi wɔn, ma wɔmfa patabubu nhwe mu! 9 Na me kra bedi ahurusi AWURADE mu, na ne ho asan no, ne nkwagye mu. 10 Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hena na ɔte sɛ wo a wugye ɔmanehunufo nea ɔyɛ den sen no nsam, ne ɔmanehunufo ne ohiani fi ne dwowtwafo nsam. 11 Adansefo nkontompofo sɔre; ade a minnim na wobisa me. 12 Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra ayɛ sɛ ayisaa. 13 Na me de, wɔyare a, mehyɛ atweaatam, mede mmuada mebrɛɛ me kra ase, na mebɔɔ mpae ma ɛsan beguu me kokom. 14 Meyɛe sɛnea ɔyɛ m’adamfo ne me nua, misii me ti ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na. 15 Na sɛ merekɔhwe ase nti, wɔn ani gye na wɔbɔ tukuw, nkwahumafo ne nnipa a minnim wɔn bɔ me so tukuw, wɔyaw ara na wonnyae. 16 Sɛ asatofo pɛ nkyewa ho tena di fɛw no, wɔtwɛree wɔn se guu me so. 17 AWURADE, wobɛhwɛ ara akosi da bɛn? Gye me fi wɔn sɛe mu, ne me kra fi agyata nsam! 18 Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu. 19 Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw! 20 Na wɔnka asomdwoesɛm, na wodwen nkontomposɛm hyɛ wɔn a wodwo, asase so. 21 Na wɔtɛɛ wɔn anom haharaa wɔ me so, wose: Wie, wiɛ, yɛn ani ahu! 22 AWURADE, woahu, mmua w’ano, AWURADE, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri! 23 Nyan, na sɔre bebu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bedi m’asɛm! 24 AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo trenee so bebu me atɛn, na mma wɔn ani nnnye me ho! 25 Mma wɔnnka wɔn komam sɛ: Wiɛ, nea yɛpɛ ni! Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no. 26 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu, na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wodi me so akokurokosɛm no, ma aniwu ne ahohora nsi wɔn adurade! 27 Wɔn a me trenee sɔ wɔn ani no, ma wonni ahurusi na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiyedi sɔ n’ani. 28 Na me tɛkrɛma bɛka wo trenee ne w’ayeyi daa nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana