Nnwom 34 - KYERƐW KRONKRONNea ɔte Nyankopɔn hwɛsie mu Dawid de a ɔtoe bere a ɔdan sɛ ɔbɔdamfo Abimelek anim na ɔpam no ma ɔkɔe no 1 Mehyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi. 2 AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye. 3 Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so. 4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. 5 Hwɛ no, na nya anim tew, na w’anim angu ase. 6 Ohiani yi teɛɛm, na AWURADE tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu. 7 AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn. 8 Monka nhwɛ na munhu sɛ AWURADE ye, nhyira ne onipa a oguan toa no. 9 AWURADE akronkronfo, munsuro no! Na biribiara remmɔ wɔn a wosuro no. 10 Gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no, ade pa biara remmɔ wɔn. 11 Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo AWURADE suro. 12 Mo mu hena na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyɛ sɛ obehu papa? 13 Kora wo tɛkrɛma, bɔne ho, ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho. 14 Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoe, na tiw no. 15 AWURADE ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ. 16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfo, sɛ obegu wɔn ase, asase so. 17 Treneefo su frɛ, na AWURADE tie, na ogye wɔn fi wɔn ahohia nyinaa mu. 18 AWURADE bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw. 19 Ɔtreneeni amane dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu. 20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, emu biako po mmu. 21 Bɔne bekum ɔbɔnefo, na wɔn a wɔtan ɔtreneeni no bɛbrɛ mu. 22 AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a woguan toa no nyinaa remmrɛ mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana