Nnwom 33 - KYERƐW KRONKRONWiase sodi ho dwom 1 Treneefo, momfa anigye nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ. 2 Momfa sanku nna AWURADE ase, momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom! 3 Monto dwom foforo mma no, mommɔ sanku yiye nka ɛnne ho! 4 Na AWURADE asɛm teɛ, na ne nnwuma nyinaa wɔ nokware mu. 5 Ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu, AWURADE adɔe ahyɛ asase so ma. 6 AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa. 7 Ɔka po nsu boa ano kuw, ɔde ebun sie nea ɛhɔ dɔ. 8 Ma asase nyinaa sofo nsuro AWURADE, wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no; 9 na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ. 10 AWURADE ma amanaman agyina dan hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa. 11 AWURADE agyina de, egyina hɔ daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa. 12 Nhyira ne nkurɔfo a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wapaw wɔn de ayɛ n’ankasa apɛgyade. 13 AWURADE fi soro hwɛ, ohu nnipa mma nyinaa. 14 Ɔte ne tenabea na ɔhwɛ asase sotefo nyinaa. 15 Ɔno na ɔnwene wɔn nyinaa koma, ohu wɔn nnwuma nyinaa mu. 16 Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho. 17 Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu, na wɔmfa n’ahoɔden dodow nnye onipa. 18 Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wosuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔe so no so, 19 sɛ obegye wɔn kra afi wu mu, na wama wɔanya nkwa ɔkɔm mu. 20 Yɛn kra twɛn AWURADE, yɛn boafo ne yɛn kyɛm ne no. 21 Na ne mu na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam, efisɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so. 22 AWURADE, ma w’adɔe ntena yɛn so, sɛnea yɛn ani da wo so no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana