Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 32 - KYERƐW KRONKRON


Bɔne fakyɛ mu ahotɔ
Dawid de. Nnwenho dwom

1 Nhyira ne nea wɔde ne mmarato akyɛ no, na wɔakata ne bɔne so.

2 Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti.

4 Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.

5 Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe.

6 Eyi nti teeni biara mmɔ wo mpae da a obehu wo. Ampa ara, sɛ asu kɛse yiri a, ɛremfa onii ko.

7 Wone me hintabea, wobɛbɔ me ho ban, na me ho anhia me, na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.

8 Na wo AWURADE aka sɛ: Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.

9 Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim de, nnareka ne ɛho hama na wɔde to wɔn ano twe wɔn, anka wɔrentwiw mmɛn wo.

10 Ɔbɔnefo yaw dɔɔso, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no, wɔde adɔe bedi no barehyia.

11 Treneefo, momma mo ani nnye AWURADE ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan