Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 31 - KYERƐW KRONKRON


Ahotoso dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Wo, AWURADE, na maguan matoa wo, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo trenee so gye me,

2 yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me guankɔbea botan, ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa.

3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakogya me.

4 Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.

5 Wo nsam na mede me honhom mehyɛ; AWURADE, nokware Nyankopɔn, woagye me.

6 Metan wɔn a wodi atoro ahuhude akyi, na me de, mebata AWURADE ho.

7 Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahu me kra ahohia.

8 Na woanyi me anhyɛ ɔtamfo nsa, wode m’anan agyina nea ɛtrɛw.

9 AWURADE, hu me mmɔbɔ, na me ho hia me. Awerɛhow ama m’aniwa ne me kra ne me honam atwintwam.

10 Na me nkwa ahwere ɛyaw mu, na me mfe ahwere ahomegu mu. M’amumɔyɛ nti m’ahoɔden so ahuan, na me nnompe agurow.

11 M’ahohiahiafo nyinaa nti mayɛ ɔhohorafo, na mayɛ me ho tefo so duru, na m’amannifo suro me, wɔn a mifi adi a wohu me guan me.

12 Nnipa werɛ afi me sɛ owufo, mayɛ sɛ ade a wɔtow kyene.

13 Na mete nnipa bebree nsekudi, ahude atwa me ho ahyia, sɛ me ho agyina a wɔakɔ no mu wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra.

14 Na me de, wo, AWURADE, so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn.

15 Wo nsam na me mmere wɔ, gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam.

16 Tew w’anim kyerɛ w’akoa, fa w’adɔe so gye me nkwa.

17 AWURADE, mma m’anim nngu ase, na misu mefrɛ wo. Ma abɔnefo anim ngu ase, na wɔntotɔ mum Asamando.

18 Ma atorofo ano mmua, wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den, ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no.

19 Wo papa a wode asie ama wɔn a wosuro wo no sɛnea esi so fa! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan bɛtoa wo no, nnipa anim.

20 Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hintaw fi nnipa a wɔabɔ tukuw anim, wode wɔn sie ɔsese mu fi tɛkrɛma birebire ho.

21 Nhyira ne AWURADE sɛ wama n’adɔe ayɛ nwonwa ama me, kurow a ahohiahia wɔ mu.

22 Nso me de, misee m’ahoyeraw mu sɛ: Wɔatwa me afi w’ani so. Nanso misu mefrɛɛ wo no, wotee me nkotɔsrɛ.

23 Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefo nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wodi nokware so, na otua nea odi ahantansɛm no ka a ɛboro so.

24 Monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo, mo a motwɛn AWURADE nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan