Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 30 - KYERƐW KRONKRON


Aseda dwom
Dwom a wɔde dwiraa asɔredan ho. Dawid dwom.

1 Mɛma wo so, AWURADE, efisɛ woayi me, na woamma m’atamfo ani annye, me nti.

2 AWURADE, me Nyankopɔn, misu mefrɛɛ wo, na wosaa me yare.

3 AWURADE, woatwe me kra afi Asamando, woama me nkwa na mankɔ Amoa mu.

4 Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefo, na munyi ne nkae kronkron no ayɛ.

5 Na n’abufuw kyɛ kakraa bi, na n’adɔe de, ɛtena hɔ kyɛ sɛ nkwa bere. Osu betumi aba anadwo, nanso ade kye a, na anigye aba.

6 Na me de, misee m’ahodwo mu sɛ: Merenhinhim ara da.

7 AWURADE, wode w’anisɔ ama me atim dennen sɛ bepɔw, na wode w’ani hintawee no, me koma tui.

8 Wo, AWURADE, na misu mefrɛɛ wo, na mekotɔ mesrɛɛ AWURADE sɛ:

9 Dɛn mfaso na ɛwɔ me so wɔ m’Amoa mu kɔ mu? Mfutuma bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokware akyerɛ anaa?

10 AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ! AWURADE, bɛboa me!

11 Woama me nkɔmmɔdi adan me asaw, woasan me ho ayitama, na wode anigye abɔ m'asen,

12 na m’anuonyam ato wo dwom na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan