Nnwom 29 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn anuonyam a ɛda adi ahum mu Dawid dwom 1 Mo ɔsoro asafo, momfa anuonyam mma AWURADE, momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE. 2 Yiw, monhyɛ AWURADE din anuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu. 3 AWURADE nne wɔ asu so, anuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsu bebree so. 4 AWURADE nne mu yɛ den sɛ, AWURADE nne mu wɔ anuonyam. 5 AWURADE nne bubu nkyeneduru, AWURADE abubu Lebanon nkyeneduru. 6 Na ɔma wohuruhuruw sɛ nantwi ba, Lebanon ne Sirion sɛ kooforo. 7 AWURADE nne pa gya a ɛdɛw. 8 AWURADE nne ma sare so hɔ him, AWURADE ma Kades sare so hɔ po. 9 AWURADE nne ma aforote ko awo, na ɛma kwae mu da hɔ, na n’asɔrefi mufo nyinaa ka sɛ: Anuonyam nka Nyankopɔn. 10 AWURADE tenaa nsu a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa. 11 AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoe behyira ne man. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana