Nnwom 28 - KYERƐW KRONKRONNkɔmmɔdi, adesrɛ ne aseda Dawid de 1 AWURADE, wo na misu mefrɛ wo, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na wumua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ Amoa mu no. 2 Sɛ misu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotɔsrɛ. 3 Nyi me afrɛ so mfra abɔnefo ne abusuyɛfo a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoe so, na wɔn komam de, bɔne wɔ mu. 4 Yɛ wɔn sɛ wɔn nneyɛe ne wɔn abrabɔ bɔne te, susuw wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn nea wɔayɛ so ka. 5 Efisɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛe ne ne nsa ano nnwuma so: Obedwiriw wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ. 6 Ayeyi nka AWURADE, efisɛ watie me nkotɔsrɛ. 7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase. 8 AWURADE ne nkurɔfo ahoɔden, nea wasra no no nkwagye aban ne no. 9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyade, na yɛn wɔn, na ma wɔn so daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana